AK/Prabhupada 0054 - Obiara de ne dadwene rema Krishna



His Divine Grace Srila Bhaktisiddhanta Sarasvati Gosvami Prabhupada's Appearance Day, SB 6.3.24 -- Gorakhpur, February 15, 1971

Enti Māyāvādī fo no kyerɛ sɛ nokware yɛ nirākāra, ana sɛ enni nipa dua. Eyi nti, Kṛṣṇa ma wo nimdeɛ:. Yiw, fa saa asɛm yi to gua. Fa saa nyansa sɛm yi to gua, saa nyansa sɛm yi, saa mmara sɛm yi." Saa ara, Kṛṣṇa ama.... Bengali bɛ bi akyerɛ mu sɛnea Awurade yɛ ne nnwuma. Sɛ owura bi, ɔwarefo re bɔ Awurade mpae, "M'awurade, anadwo yi bɔ me fidua yi ho ban fi awifo nsɛm. Mesrɛ sɛ gye me." Enti mpae a obi rebɔ ni. Ɔfoforo a ɔyɛ owifo no nso rebɔ mpae sɛ, " Awurade, anadwo yi me kɔ m'akɔbɔ korɔno wɔ saa ofidua yi mu. Boa me ma me nya biribi." Enti, ɛdɛn ade pɔtee na Kṛṣṇa nyɛ wɔ saa asɛm yi ho? (serew) Kṛṣṇa te obiara koma mu. Enti Kṛṣṇa tie mpae bebree Owifo ne ɔware fo, mpae ahorow bebree Enti Kṛṣṇa di ho dwuma. Eyi ne Kṛṣṇa nimdeɛ no. Ɔkwan a ɔfa so yɛ n'adwuma. Ɔma obiara fawohodi. Saa ara na ɔma obiara nea ehia no. Eyi nyinaa akyi, obiara asɛm yi n'asɛm. Enti Kṛṣṇa tu n'akyidifo fo sɛ monnyɛ nhyehɛe biara. Mo asisifo, atorofo, mmonyae me haw (serew). Mo mmerɛ mo ho ase ma Me. Mondi Me nhyehyɛe so; eyi na mo ani begye. Woyɛ wo nhyehyɛe, nanso w'ani ngye; Me nso m'ani ngye. (serew) Menni anigye koraa. Wɔde nhyehyɛe bebree to M'anim dabiara, a ɛsɛ sɛ Me di ho dwuma." Nanso, ɔwɔ ahunu mɔbɔ. Sɛ....Ye yathā māṁ prapadyante tāṁs... (BG 4.11).

Enti obiara haw Kṛṣṇa, gye sɛ Kṛṣṇa n'akyidifo nkutoo na wɔnhaw no.ɔhaw, ɔhaw, ɔhaw. Enti, wɔfrɛ wɔn duṣkṛtina. Duṣkṛtina, nipa bɔnefo, awudifo. Nnyɛ nhyehyɛe biara. Gye Kṛṣṇa ne nhyehyɛe no to mu. Eyi ma Kṛṣṇa haw. Enti, okyidifo mapa no, ɔmmɔ mpae mpo sɛ Awurade nhwɛ ne so. Oyi ne okyidifo papa no. Ɔnfa ne haw biara nto Kṛṣṇa so. Sɛ onni aduan bi di a, obua da, ɔmbisa Kṛṣṇa mpo ara da, "Kṛṣṇa ɔkɔm de me. Ma me aduan ndi." Nokware ne sɛ, Kṛṣṇa ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ n'a kyidifo abisade ama wɔn nanso, okyidifo no nso asi ne bo se ɔre nfa nhyehyɛe biara nto Kṛṣṇa anim. Ma Kṛṣṇa nnyɛ nea Ɔno ara pɛ. Momma yenni Kṛṣṇa ne nhyehyɛe so.

Enti dɛn ne yɛn nhyehyɛe? Kṛṣṇa se yɛn nhyehyɛe no ɛne, sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ (BG 18.66). Man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī. Enti yɛn nso yɛn nhyehyɛe ara nen. Yɛn botae ara ne sɛ yɛtwe akra ma Kṛṣṇa sɛ, "monsom Kṛṣṇa." Ɛsɛ sɛ yɛma nhwɛso pa, sɛnea yesom Kṛṣṇa no sɛnea yɛsom Kṛṣṇa no, sɛnea yɛkɔ kurow mu na yɛtow ayeyi nnwom yi Kṛṣṇa ne din kronkron no ayɛ no Sesei, yekye aduan a Kṛṣṇa ahyira so. Yɛyɛ nea yɛbetumi biara, sɛ yɛ bɛ twe akra ama Kṛṣṇa. Ɛno ara nen. Sɛ eyi nkoaa de a, ɛno de wobetum ayɛ nhyehyɛe, efisɛ eno ne Kṛṣṇa nhyehyɛe. Nanso, ɛsɛ sɛ Kṛṣṇa foa so. Mmɔ wo tirim nnyɛ nhyehyɛe biara kɛkɛ. Esiane sɛ yo be hia mmoa enti, Kṛṣṇa ne nsianan mu ho hia. Oyi ne sunsum mu ɔkyerɛkyerɛfo no.

Enti nhyehyɛe kakraa bi wɔ hɔ. Eyi nti ɛsɛ sɛ yedi asomafo a adi kan no anamon akyi. Sɛnea wɔaka wɔ ha no, dvādaśaite vijānīmo dharmaṁ bhāgavataṁ bhaṭāḥ. Ose, Yɛn, Kṛṣṇa asomafo a w'apaw yɛn no, Yenim bhāgavata-dharma, Kṛṣṇa dharma." Dvādaśa. Dvādaśa. Dvādaśa yi asekyerɛ ne sɛ atitiriw fo du abien din a y'adikan abɔso no: svayambhūr nāradaḥ śambhuḥ... (SB 6.3.20). M'akyerɛ ase dedaw. Enti, Yamarāja kae se, "Yɛn mmarima du abien yi pɛ, a yɛyɛ Kṛṣṇa ne nsiananmu fo no, yɛn na yenim nea w'ato din se bhāgavata-dharma no." Dvādaśaite vijānīmaḥ. Vijānīmaḥ ase kyerɛ sɛ "yenim." Dharmaṁ bhāgavataṁ bhaṭāḥ, guhyaṁ viśuddhaṁ durbodhaṁ yaṁ jñātvāmṛtam aśnute. "Ye nim." Enti w'atu fo sɛ, mahājano yena gataḥ sa panthāḥ (CC Madhya 17.186). Saa mahājana fo anaa sɛ atitiriw fo yi, sɛnea w'akyerɛ mu no, eyi ne kwan trenee a wɔfa so te Kṛṣṇa ase san nya sunsum mu nkwagye.

Enti yɛyɛ Brahma-sampradāya no akyidi fo, nea odi kan ne, Svayambhū. Brahmā. Brahmā, na afei, Nārada, efi Nārada a, Vyāsadeva. Saa ara, Madhvācārya, Śrī Caitanya Mahāprabhu, na ɛtoa so. Enti ɛnnɛ esiane sɛ yedi w'anamɔn akyi no nti, Śrī Bhaktisiddhānta Sarasvatī Gosvāmī Prabhupāda anamɔn akyi no nti Enti ɛnnɛ yɛ n'awoda. Enti, ɛsɛ sɛ yedi saa da yi ni na yɛbɔ Bhaktisiddhānta Sarasvatī Gosvāmī mpae sɛ " ɔbɛ boa na y'adi n'anamɔn akyi." Enti, ma yɛn ahoɔden, na yɛn nimdeɛ. Yedi wo somfo akyi." Saa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, Mesusuw sɛ anwummere yi yɛbɛkyɛ prasādam (aduan a w'ahyira so).