AK/Prabhupada 0012 - Osetie yɛ nimdeɛ farebae



Lecture on BG 16.7 -- Hawaii, February 3, 1975

Yɛn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ɔtrenee ni. Yegye yɛn aniwa yi di yiye: "So wobetumi akyerɛ me?" Enyinaso bɛn na w'ani wɔ a ɔde behu? ɔnda ɛnnwene sɛ, sɛ "Menni nnyinaso biara; nanso mepɛ sɛ mehu". Saa aniwa yi, oh, sɛ ebehu ase sɛnea ɛte no egyina ade bebree so. Sesei, anyinam ahoɔden wɔ hɔ enti wo hu ade. Wonya dum kanea pɛ, wunhu ade bio. Enti, dɛn ne w'ani no ho mfaso? Wontumi enhu ade a ɛrekɔ so wɔ ɔhye yi akyi. Enti nnye w'ani yi nni se obɛma wo nideɛ papa biara. Daabi Nimdeɛ ɔkwan no ne sɛ wobɛte. Wɔfre eyi se śruti. Enti, Vedas din ne śruti. Śruti-pramāṇa, śruti-pramāṇa. Yɛnfa no sɛ abɔfra a ɔpɛ sɛ obe hu n'agya a ɔwoo no. Adanse no wɔ he? Adanse ne śruti. sɛ wobɛte afi wo na nkyɛn. ɛna se, "W'agya ni." Enti ɔte; ɔrenhu ɔkwan a ɔfae so yɛɛ n'agya. Esiane sɛ ansa na wɔbe nyinsɛn awo no no na n'agya no wɔ hɔ, ɔbɛyɛdɛ na w'ahu? Enti sɛ wo de wo werɛ to w'aniwa so a, worenhu nea ɔyɛ w'agya. ɛsɛ sɛ wote fi nea ɔkyɛn wo wɔ nimdeɛ mu. Wonna wɔ nimdeɛ. Enti, śruti-pramāṇa: Adanse ne sɛ wobɛ te, ɛnnyɛ sɛ wobɛ hwɛ. Sɛ wo de w'ani bɛhwɛ.... Yɛn ani yi a enhu ade yi....Nea esiw no kwan dɔɔso. Saara, sɛ wo de wo werɛ to w'ahoɔden so a worenhu nokware no.

Mfa wo werɛ nto woho so, ɛyɛ ndadaa. Owura Apɔtro. Owura Apɔtro abɔ ne tirimu rekeka nea onim wɔ Atlantic po ho. ɔda ɔtare kuma bi mu, bɛyɛ anamɔn abiɛsa ara, na n'adamfo bi bɔɔ no amaneɛ se, "Oh, mahu nsu kakraa bi". "Nsu kakraa bɛn?" " Atlantic po." "ɛso?" Susuw ne kɛse kyerɛ me." Enti Owura Apɔtrɔ redwene, " Ebia anamɔn anan." Abura yi yɛ anamɔn abiesa. Ebia anamɔn anan. Ana anum. Daabi, anamɔn du." Enti saara, bɔtirimuka, ɛbɛyɛdɛn na Owura Apɔtrɔ bɛte Atlantic ana Pacific po ase? So wobetumi de w'adwene ara asusuw Atlantic ana Pacific po ne tenten ne ne kɛse? Enti bɔtirim ka, wonsa renka. Wɔbɔ wɔn tirim mfe bebree kasa fa ewiase yi ho, nsoroma ahe na ewɔ hɔ, Dɛn ne ne kɛse ne ne ten ten? eyi wɔ he........ Ewiase yi mpo, obiara nnim ho biribiara, na nkantom sɛ ɔsoro ahenman mu? ɛwɔ akyiri, akyiri koraa.

Paras tasmāt tu bhāvo 'nyo 'vyakto 'vyaktāt sanātanaḥ (BG 8.20). Wɔ Bhagavad-gītā mu, w'akyerɛw se. Abɔde foforo bi wɔ hɔ. Saa abode yi, nea wohu yi, ewim, ade kukruwaa, ɛno akyi, anum bi bio ɛbobɔso saara. Eyi na ɛhata so. ɛte sɛ nea w'ahu kube. ɛho no yɛ den, ɛna emu no nsu na ɛwɔ hɔ. Saara, ahataso yi mu... Ahataso yi yɛ ahorow anum a edidiso, emubiara so kyɛn nea edi so mpɛn bɛyɛ mpem. Nsu, mframa, ogya. Enti ɛsɛsɛ wo bɔ wura eyi nyinaa mu. Ansana w'adu ɔsoro ahenmanmu. saa abode yi nyinaa, bebree a wontumi nkan, koṭi. Yasya prabhā prabhavato jagad-aṇḍa-koṭi (Bs. 5.40) Jagad-aṇḍa ase kyerɛ sɛ ewiase. Koṭi, opepepem bebree a ɛbɔ mu, ɛno ne ewiase yi. Ewiase yi akyi, ɔsoro ahenman no wɔ hɔ, ewim foforo. ɛno nso ye ewim. Wɔfrɛ no paravyoma. Enti wo bɔtirimka yi wontumi mfa nsusuw nea ɛwɔ ɔsram anaa awia so, Saa wiase yi, ewiase yi mu. Wobɛyɛdɛn abɔ wo tirim ate ɔsoro ahenman ase? Eyi yɛ sɛbe, nkwasea adwene.

Enti kyerɛw kronkron śāstra aka se, acintyāḥ khalu ye bhāvā na tāṁs tarkeṇa yojayet. Acintya, nea ɛboro w'adwene ne wontease so no, nnye ho akyinnye na nnyɛ w'adwene sɛ wode w'ahoden ne nyaansa bɛte ase. Eyi yɛ sɛbe, nkwaseasɛm. ɛrennyɛ adwuma. Enti ehia sɛ yɛbɛ kɔ guru nan so. Tad-vijñānārthaṁ sa gurum evābhigacchet, samit-pāṇiḥ śrotriyaṁ brahma-niṣṭham (MU 1.2.12). Eyi ne ɔkwan no.