AK/Prabhupada 0013 - Dɔnhwerew aduonu anan som



Lecture on BG 2.49-51 -- New York, April 5, 1966

Yogaḥ karmasu kauśalam. Kauśalam ase kyerɛ ne sɛ ndadaa mapa. ɛtesɛ nea mmarima baanu bi a ɛyɛ adwuma. Wɔn mu baako enim adwuma no aniso papaapa, ɔbaako no nso de onnim adwuma no aniso papa. Afiri no mpo. Sɛ biribi sɛe wɔ afiri no ho a. Odwumayefo no a onnim adwuma n'aniso no te ho da ne anadwo mu no nyinaa, ɔrentumi nsiesie no, nanso ɔbenfo no ba ara pɛ na w'ahu nea asɛe wɔ afiri no ho. na osiesie no ma afiri no yɛ adwuma bio. Hrzum, hrzum, hrzum, hrzum, hrzum, hrzum. w'ahu? Berebi wɔ a yɛn kasa firi yi ɛnyɛ adwuma, na Owura Carl anaa obi foforo aba abɛ yɛ no yiye. Enti biribiara hia ma obi a ɔwo nimdeɛ. Karma, karma ase kyerɛ sɛ adwuma. ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma. Sɛ y'annyɛ adwuma a, ɔhonam dua yi ne okra no nnyɛ adwuma. ɛyɛ ndadaa sɛm sɛ obi a..., Sɛ ɔpɛ sɛ otu mpɔn wɔ Nyamesom mu a, enni sɛ ɔyɛ adwuma. Daabi da, mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma kɛse. Nnipa a wɔn ani ennye Nyame dwuma ho no, wobetumi ayɛ adwuma bɛyɛ dɔn hwerew awotwe pɛ, nanso, wɔn a wɔyɛ Nyame dwuma no, oh, wɔyɛ adwuma dɔnhwerew aduonu anan, dɔnhwerew aduonu anan. Soronko no ni. Na saa soronko yi yɛ... wo be hu sɛ ewiase yi mu no, ɔhonam dua yi fam no, sɛ woyɛ adwuma donhwerew awotwe pɛ a, na w'abre. Nanso, wotumi ye Nyame dwuma boro dɔnhwerew aduonu anan Nokware ne sɛ, worennya mmoro dɔnhwerew aduonu anan. Nanso, wommerɛ da. Me ka makyerɛ wo. Eyi yɛ ade a m'asɔ mahwɛ na merekyerɛ wo. Sɛ me wɔ ha yi, dabiara meyɛ adwuma, me rekan ade, ana merekyerɛw, kenkan biribi ana kyerɛw biribi, don hwerew aduonu anan. Sɛ ɔkɔm de me a na m'adidi. Sɛ m'ani kum a na m'ada. Enti, bere biara, memmerɛ da. Mom bisa Owura Paul se me di nkontompo ana. Enti ɛyɛ m'anigye sɛ mɛyɛ sa. Me mmerɛ. Saa ara, sɛ obi benya saa sunsum mu atenka yi a, ɔre mmerɛ... Mmom, ɛbɛyɛ no abufuw sɛ n'ani bekum. Sɛ m'ani bekum, " Oh, nda yi bɛaw me." W'ahu? ɔpɛ sɛ mpo ɔtew bere a ɔde da no so. Afei, sɛ yɛbɔ mpae, vande rūpa-sanātanau raghu-yugau śrī-jīva-gopālakau. Saa Asɔfo akukudam Goswamifo baasia yi, Awurade Caitanya tuu wɔn sɛ n'abediakyi fo a wɔbedi saa sunsum mu nimdeɛ yi ho adanse. Wɔkyerɛw nhoma bebree afa ho. W'ahu? Enti, ɛbɛyɔɛ wo nwonwa po sɛ wɔda wɔn da mmoro nonhwerew baako ne fa dakoro biara. ɛno mpo bere bi wɔ hɔ a ɛbɔ wɔn.