AK/Prabhupada 0018 - Nokwaredi wɔ Guru nan ase



Lecture on SB 6.1.26-27 -- Philadelphia, July 12, 1975

Prabhupāda: Enti ɛsɛ sɛ saa bere yi yɛpɛ asɛm no ano aduro ɛyɛ ɔbra a yewu kɔ san ba, na yɛfa honam dua foforo bio yi. Enti ɔkwan bɛn na wɔ bɛ ate ase? Gye sɛ, wɔba ɔkyerɛkyerɛfo bi nan so. Enti śāstra, akyerɛ mu sɛ tad-vijñānārtham: "sɛ wopɛ sɛ wo hu wo bra yi mu ɔhaw titiriw a ebio sɛ w'ani abere sɛ wobenya Kṛṣṇa ho nkyerɛkyerɛ yi bi de a, Sɛnea wo benya daa nkwa, na w'asan akɔ ɔsoro fie de a, ɛno de ɛsɛ sɛ wonya ɔkyerɛkyerɛfo (guru)." Na ɛhena no guru no? W'akyerɛ asem yi ase, ɛyɛ asɛm tiawa. ɔkyerɛkyerɛfo remmɔ ne tirim nka sɛ" Yɛ sɛɛ na ma me sika na w'ani nnye." Nea ɔyɛ saa no ɔnnyɛ ɔkyerɛkyerɛ fo pa. Eyi yɛ nyansa kwan bi a wɔfa so de pɛ sika. Enti wɔakyerɛ mu wɔ ha se, mūḍha, obiara a onni anisuade biara, anaa, sɛbe, ɔkwasea. a ɔbɔ ne tirim ka asɛm te sɛ Ajāmila... Obi afa..., "Eyi yɛ m'asɛde, "obi ayɛ.....ɔyɛ sɛbe ɔkwasea. ɛsɛsɛ wo hu w'asɛde efi guru nkyen. Mo to nnwom dabiara, guru-mukha-padma-vākya, cittete koriyā aikya, ār nā koriho mane āśā. Eyi ne nkwa no. Eyi ne nkwa. Guru-mukha-pad... Pɛ ɔkyerɛkyerɛfo mapa na di n'asɛm so. ɛno na wo bra besi wo yie. Ār nā koriho mane āśā. ɔkwasea, mpɛ biribiara akyi kwan bio. Sɛ mo tow nnwom dabiara? Mo te ase? Ana mo to nnwom no kɛkɛ? Asekyerɛ dɛn? Hena na ɔbɛkyerɛ ase? Obiara nnim? Yiw, ase kyerɛ den?

Osuani: "Me pɛ ara ne sɛ m'adwene mu bɛ da hɔ ɛnam nsɛm a ebefi m'ɔkyerɛkyerɛfo ano nti. Mempɛ biribiara bio, eyi nkutoo."

Prabhupāda: Yiw, eyi ne mmara no. Guru-mukha-padma-vākya, cittete koriyā aikya. Afei, citta ase kyerɛ sɛ nkwa ana koma. "Eyi nkutoo na mɛyɛ. Eyi ne asɛm a m'ɔkyerɛkyerɛfo aka akyerɛ me; ɔno na mɛyɛ." Cittete koriyā aikya, ār nā koriho mane āśā. ɛnti ɛnnyɛ m'ahantan, mmom metumi aka se, w'asɛm no m'adi so. Enti, mpontu kakraa bi a m'anya aboro nea menuanom anya no, asekyerɛ nen. Minni ahoɔden biara, nanso me dii m'ɔkyerɛkyerɛfo n'anum asɛm no so pɛpɛɛpɛ, de asɛm no yɛɛ me nkwa ne me kra. Enti eyi yɛ nokware sɛm. Guru-mukha-padma-vākya, cittete koriyā aikya. Obiara nnyɛ sa. Mmom sɛ ɔbɔ ne tirim dan asɛm no debi ka ho de a, ɛno de w'awie. Dabi, monfa bi nka ho, mo nnyi bi nfi mu. Kɔ ɔkyerɛkyerɛfo (guru) hɔ- guru ase ne se Awurade, Kṛṣṇa n'akoa pa nokwafo Tie n'asɛm na som no. Nkunim di bɛyɛ wo de. Sɛ wobo wo tirim, "Mewo nnimdeɛ sen me kyerɛkyerɛfo, Enti metumi de bi aka ho, "w'awie". Enti ɛno ara nen. Monto nnwom.

Osuani:Śrī-guru-caraṇe rati, ei se uttama-gati.

Prabhupāda:Śrī-guru-caraṇe rati, ei se, uttama-gati. Sɛ w'ani abere sɛ wobetu anamɔn pa wɔ Awurade asɛm ho de a, ɛno de di nokware wɔ wo guru nan ase. Afei,

Osuani: Je prasāde pūre sarva āśā

Prabhupāda: Je prasāde pūre sarva āśā. Yasya prasādāt... Eyi ne mmara asɛm a ɛwɔ Vaiṣṇava som yi mu. Enti, sɛ y'annyɛ saa de a, yɛbɛkɔso ayɛ mūḍha (kwasea), w'akyerɛ mu wo Ajāmila-upākhyāna yi mu. enti nnɛ da yi yɛrekan saa nkyekyɛmu yi, sa evaṁ vartamānaḥ ajñaḥ. Ebio, w'aka se. Ebio, Vyāsadeva aka se,"Saa ɔkwasea yi te... ɔde n'ahoɔden nyinara resom ne ba, a wɔfrɛ no Nārāyaṇa no" Na onnim..."ɛden ne nkwaseasɛm Nārāyaṇa yi?" Onim ne ba no. Nanso esiane Nārāyaṇa ahumɔbɔ enti bere a ɔkɔso refrɛ ne ba no, "Nārāyaṇa, bra ha. "Nārāyaṇa, gye eyi Enti, Kṛṣṇa faa no sɛ "ɔre ton ton me din 'Nārāyaṇa.' Kṛṣṇa ye mmɔbrohunu fo. W'annyɛ n'adwene da sɛ "mere kɔ Nārāyaṇa nkyɛn." Na ɔrehwehwɛ ne ba no , efisɛ ɔpɛ n'asem. Nanso onyaa akwannya de tontonee Nārāyaṇa din kronkron no. Eyi ns edi boaa no. Eyi enti, yɛto din foforo. Adɛn enti? Esiane sɛ edin biara boa ma wobɛyɛ Kṛṣṇa n'akoa Enti ɛtesɛ Upendra. Upendra ase kyerɛ sɛ Vāmanadeva. Enti sɛ wobɔ edin "Upendra a, Upendra," saara edin no bɛyɛ adwuma. Enti, yɛbɛkyerɛ eyi asi akyiri.