AK/Prabhupada 0024 - Krishna wɔ ayɛmye papa



Lecture on SB 3.25.26 -- Bombay, November 26, 1974

Bere a Arjuna ne Kṛṣṇa hyiae mpu ne mpu no, - na Kṛṣṇa rekyerɛkyerɛ no Bhagavad-gītā -mu. sɛ wobehu Kṛṣṇa ɛne sɛ wo bɛkenkan Bhagavad-gītā - ne nyinaa yɛ ade koro. nsonsonoe biara nni mu. Nnipa bi susuw sɛ "Arjuna ti ayɛ yie paa." sɛ wo ne Kṛṣṇa behyia mpu ne mpu atie n'anum nsɛm. "Eyi nnyɛ nokware. Sɛ wowɔ ani nkutoo de a wo behu Kṛṣṇa berebiara. Enti w'akyerɛ mu sɛ premāñjana-cchurita... Prema ne bhakti yɛ, ade baako. Premāñjana-cchurita-bhakti-vilocanena santaḥ sadaiva hṛdayeṣu vilokayanti [Bs. 5.38]. Mɛ ka mo asɛm baako de akyerɛ m'asem yi mu. Wɔ India man anafo mantam hɔ, brāhmaṇa bi tenaa ase, ɛwɔ Raṅganātha asɔre fie, na ɔrekenkan Bhagavad-gītā. Na onnim sɛnea wɔkenkan nhoma. W'ankɔ sukuu enti onnim Sanskrit , ennim akenkan ho hwee koraa. Enti, nnipa dɔm a ɛwo borɔn no mu de wonim sɛ" Owura yi onnim akenkan nanso ɔrekenkan Bhagavad-gītā." Ɔrebuebue Bhagavad-gītā no na ɔwesew wesew n'ano, "Uh, uh" saa ara. Enti, wodi neho fɛw se "Owura brāhmaṇa, ɔkwan bɛn so na worekenkan Bhagavad-gītā yi?" Ɔtee ase sɛ "Mennim akenkan nti ɔredi meho fɛw." Bere bi na Caitanya Mahāprabhu nso baa Raṅganātha asore fie hɔ, ohui sɛ "Osuani papa ni." Enti ɔbɛn no bisaa no se, "me dɔfo brāhmaṇa, ɛdɛn na worekenkan yi? Ɔtee ase se "Owura yi de ɔrenni meho fɛw." Enti obuae no se, "Mewura, merekenkan Bhagavad-gītā. Merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛkenkan Bhagavad-gītā, nanso mennim akenkan." M'ɔkyerɛkyerɛfo ahyɛ me sɛ me nkenkan eti du awotwe da biara. Menni nimdeɛ biara.Mennim akenkan. Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo aka nti, mebɔ meho mmɔden sɛ medi n'asɛm no so. Enti me bue bue nhoma no ara. Mennim akenkan." Caitanya Mahāprabhu see no se "M'ahu sɛ wo resu." Yiw, "Mere su" Wonnim akenkan a dɛn nti na wo resu? Daabi, esiane se, mefa Bhagavad-gītā nhoma yi na mihu mfoni baako a sɛ Kṛṣṇa n'ayɛmye nti w'adan ofirikafo sārathi, ama Arjuna. Ɔyɛ n'okyidifo. Enti, Śrī Kṛṣṇa ayɛmye nti ɔsom n'okyidifo tese akoa no. efise Arjuna se "tu afiri no bra ha" na Kṛṣṇa adi so. Enti Kṛṣṇa n'ayɛmye dɔɔso. Enti sɛ mede saa mfoni yi kɔ adwen nwene mu a na mere su. Ɛhɔ ara, Caitanya Mahāprabhu bam no atuu kyerɛɛ no se "worekenkan Bhagavad-gītā ampa. Wonni ntetewee biara wɔ akenkan mu nanso worekenkan Bhagavad-gītā." Ɔyɛɛ no atuu.

Enti eyi yɛ... Ɔkwan bɛn so na ohuu mfoni yi? Esiane sɛ ɔwɔ ɔdɔ mapa de ma Kṛṣṇa nti, ɛmfa ho, sɛ obetumi akenkan anaa ɔrentumi. Sɛ ɔwɔ ɔdɔ mapa ma Kṛṣṇa no nti ohu' Kṛṣṇa tena hɔ ɛna ɔre ka Arjuna afiri no. Eyi na ehia.