AK/Prabhupada 0025 - Sɛ yɛma adepa, yebenya nsunsuanso pa



Conversation with Yogi Amrit Desai of Kripalu Ashram (PA USA) -- January 2, 1977, Bombay

Yogi Amrit Desai: Me wɔ ɔdɔ ma wo paa enti, me se ɛsɛ sɛ me ba begye wo nhyira.

Prabhupāda: Meda wo ase.

Yogi Amrit Desai: Na mereka akyerɛ asuafo no se. Me ka kyerɛɛ wɔn se wo yɛ...

Prabhupada: Wo ne Owura Misra na ɛnam?

Yogi Amrit Desai: Daabi. Na mereka m'akyere asuafo a ɛwɔ ha no. Me se Sri Prabhupada na odii kan de ɔdɔ som (bhakti) fii India man mu baa atɔe aburokyiri man mu ha, babi a ɛho hia yiye. Efisɛ ɛhɔnom de adwnnwene ahyɛ nipa no ma, w'adwene adwene adwene. Ɔdo kwan yi yɛ duru yiye.

Prabhupada: Hwɛ. Sɛ wode ade pa kɔ gua a

Yogi Amrit Desai: Ade papa paa.

Prabhupada: Wɔbɛtɔ.

Yogi Amrit Desai: Esiane sɛ ɛyɛ ade pa no nti, ɛrekɔso fɛfɛɛfɛ.

Prabhupada: Ɛyɛ India man nyinaa asɛde sɛ wodi saa nsɛmpa yi ho adanse kyerɛ aman nyinaa. Eyi yɛ para-upakara. Ansa na merebɛba no na swamifo ne yogafi bi adi kan aba abɛ daadaa wɔn.

Yogi Amrit Desai: Daabi, na wɔsuro sɛ wɔbɛka nokware no efisɛ ebia na w'annye wɔn anto mu.

Prabhupada: Wonnim ade a wɔfrɛ no nokware (serew). Mensuro. Adɛn? Sɛ onipa reka nokware a dɛn nti na ɛsɛsɛ osuro?

Yogi Amrit Desai: Nokware.

Prabhupada: Efiti Vivekananda bere so, wonnim nokware no.

Yogi Amrit Desai: Nokware. Hwɛ, wo bae yi akyi Afe 1960 mu na mefitii ase kyerɛɛ Yoga. Na nso wobae yi akyi, ehu no nyinaa tu fii me mu ɛna mefii ase kyerɛɛ bhakti na mebɔ Krsna mpae (mantra). Enti mprenpren de atuhuakyɛ (bhakti) ada ne ho adi wɔ fie ha, bhakti bebree. Na mede nnase ne ayeyi no nyinaa ma wo esiane sɛ na me suro sɛ me de bɛ ma wɔn Efisɛ m'adwene ne sɛ "Wɔyɛ Akristofo. Wɔre mpɛ atuhuakyɛ (bhakti). Wɔrente ase. Nanso w'ayɛ anwowade. Onyame, Krsna afa wo so ayɛ anwowade. Ɛyɛ nwonwa, awonwade paa wɔ asase yi so. Ɛyɛ me anigye yiye.

Prabhupada: Meda w'ase ne wo nkuranhyɛ. Sɛ yɛwɔ ade pa a, ɛbɛyɛ adwuma.

Yogi Amrit Desai: Nokware. Mere di w'anamɔn akyi. Obiara... Yɛwo nnipa dɔm bɛyɛ 180 a wɔte fie ha. Wɔn nyinaa atwe wɔn ho afi awaresɛm ho. Obiara sɔre anopa non nan (4:00), na wɔda anadwo nnon kron (9:00). Obi mfa ne ho ntwitwiw obi. Obiara nso wɔ ne dan. Sɛ wɔkɔ sat-sanga mpo a wɔn tena faako. Biribiara frenkyemm. Nnuru bone nni hɔ. nsa nni hɔ, nam nni hɔ, tea nni hɔ, kɔfi nni hɔ, garlic nni hɔ ,gyeene nni hɔ. Krɔgyee.

Prabhupada: Asɛm pa. Yiw. Yedi eyi nyinaa so.

Yogi Amrit Desai: Yiw

Prabhupada: Na mowɔ Krishna wɔ hɔ? Yogi Amrit Desai: Yiw, yɛsom Krsna ne Radha. M'ɔkyerɛkyerɛfo de Swami Kripalu-anandi. Ɔte bɛn Baroda. Ɔsom mfe aduonu ason, ɛna mfe du abien de ne nkutoo na ɔye ne som koomyɛ mu. Mfe kakra a atwa mu no na ɔkasa bɛyɛ mpɛn abien afe mu no nyinaa esiane sɛ nnipa pɛsɛ wotie no enti.

Prabhupada: Ɔmmɔ Krishna din ntonton no?

Yogi Amrit Desai: Ɔtonton no. Ne kommyɛ mu yɛtonton Awurade. Efisɛ ose, sɛ wo bɔ Awurade din a, Eyi nkyerɛ sɛ w'anni wo kommyɛ bɔhyɛ so. Enti ɔtonton krsna din.

Prabhupada: Komm yɛ kyerɛ sɛ yɛn ka sɛbe nkwaseasɛm. Yɛbɛto Hare Krsna. Eyi ne kommyɛ. Yɛnsɛe bere nkasa ewiase nneɛma ho. Momma yɛnto Hare Krsna. Eyi na mfaso wɔ so. Komm yɛ ho enni mfaso. Monyae sɛ mobɔ nneɛma a ɛho enni mfaso ho nkɔmɔ. Moka nyansa sɛm.

Yogi Amrit Desai: Nokware. Ɛno ara nen.

Prabhupada:Param drstva nivartate (BG 2.59). Param drstva nivartate. Sɛ obi gyae ne nkwaseadeyɛ, na param, Awurade......Param drstva nivartate. Sɛ wowɔ nneɛma papa a, nneɛma a ɛho enhia no wobɛtow agu. Enti ewiase nneɛma nyinaa yɛ wura. Karma, jnana, yoga, ne nyinaa yɛ ewiase ade Karma, jnana, yoga. Mpo yoga nyinara yɛ ewiase ade.