AK/Prabhupada 0052 - Nsonsonoe a ɛwɔ Bhakta Karmi ntɛm



Lecture on SB 1.2.9-10 -- Delhi, November 14, 1973

Eyi ne nsonsonoe a ɛda bhakti ne karma ntɛm. Karma ne sɛ wobɛdi ɔhonam dua yi akɔnɔ akyi, ɛna bhakti kyerɛ sɛ wobɛyɛ nea ɛbɛma Awurade ani agye. Ade baako. Enti nipa entumi nkyerɛ nsonsonoe a ɛda bhakta ɛne karmī ntam. Karmī di ne honam akɔnɔ akyi, ɛna bhakta di Kṛṣṇa akɔnɔ akyi. Honam akɔnɔ bi bɛwɔ hɔ. Nanso, sɛ woyɛ nea ɛsɔ Kṛṣṇa ani a wɔfrɛ eyi sɛ bhakti. Hṛṣīkeṇa hṛṣīkeśa-sevanaṁ bhaktir ucyate (CC Madhya 19.170). Hṛṣīka kyerɛ sɛ, atenka a ɛho tew. Bere ba a ɛtwa mu no mekyerɛɛ ase sɛ,

sarvopādhi-vinirmuktaṁ
tat-paratvena nirmalam
hṛṣīkeṇa hṛṣīkeśa-
sevanaṁ bhaktir ucyate
(CC Madhya 19.170)

Bhakti ase nkyerɛ sɛ wobɛgyae adwuma yɛ. Eyi nnyɛ bhakti. Bhakti ase kyerɛ sɛ wode w'atenka nyinaa bɛyɛ adwuma asɔ atenka wura no ani. Eyi ne bhakti no. Enti, Kṛṣṇa din baako ne Hṛṣīkeśa. Hṛṣīka kyerɛ sɛ atenka. Ɛna, hṛṣīka īśa, Ɔno na atenka nyinaa hyɛ n'ase. Nokware ne sɛ dwuma a yɛn atenka redi no ɛnnyɛ yɛn ahoɔden Yɛn nte ase sɛ Kṛṣṇa na ɔredan dan ade nyinaa. Sarvasya cāhaṁ hṛdi sanniviṣṭo mattaḥ smṛtir jñānam apohanaṁ ca (BG 15.15). Mattaḥ smṛtir jñānam apohanaṁ ca Abɔde ho nyansapɛ mu osuani reyɛ n'adwuma esiane sɛ Kṛṣṇa reboa no, ɛnnyɛ sɛ ɔde n'ahoɔden na ɛyɛ biribi. Ɛnte sa. Enti, Kṛṣṇa ma no nea ehia. Nokware ne sɛ ɛyɛ Kṛṣṇa na ɔyɛ adwuma no. W'akyerɛ eyi ase wɔ Upaniṣad no mu. Sɛ Kṛṣṇa annyɛ adwuma no a, sɛ Kṛṣṇa anhu a wonnhu. Ɛte sɛ nea w'akyerɛ awia ase wɔ Brahma-saṁhitā mu no, yac-cakṣur eṣa savitā sakala-grahāṇāṁ Awia yɛ Kṛṣṇa n'ani

yac-cakṣur eṣa savitā sakala-grahāṇāṁ
rājā samasta-sura-mūrtir aśeṣa-tejāḥ
yasyājñayā bhramati sambhṛta-kāla-cakro
govindam ādi-puruṣaṁ tam ahaṁ bhajāmi

Enti, awia yɛ Kṛṣṇa n'aniwa no mu baako, Esiane sɛ awia no pue wɔ hɔ, esiane sɛ awia no hu, enti, wo hu. Ennyɛ w'ahoɔden na wode ho ade. W'ayɛ ahantan sɛ wohu ade nti. Sɛ awia nni hɔ a w'aniwa so nni mfaso biara. Wo ntumi nhu. Anyinam kanea yi mpo, n'ahoɔden gyina awia so. Enti sɛ Kṛṣṇa hu a, wobɛ hu. Eyi ne asɛm no. Enti yɛn atenka yi...Bhagavad-gītā akyerɛ mu sɛ, sarvataḥ pāṇi-pādaṁ tat. Sarvataḥ pāṇi-pāda...Kṛṣṇa ne nsa ne ne nan wɔ baabiara. Ɛdɛn ade? Me nsa, wo nsa, wo nan - ɛyɛ Kṛṣṇa de. Ɛte sɛ obi ka se Me wɔ nkorabata wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti saa nkorabata no nyinaa rekɔ so esiane sɛ Awurade rehwɛ so no nti. Saa ara, Kṛṣṇa nso. Enti wofrɛ Kṛṣṇa se Hṛṣīkeśa, Hṛṣīkeśa. Enti, Bhakti ase kyerɛsɛ yɛde yɛn hṛṣīka, yɛn indriya, yɛn atenka, bedu dwuma ama atenka nyinaa wura. Eyi ne abrabɔ mu mpɔntu Eyi ne yɛn mpɔntu... Nanso, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛde yɛn atenka begye yɛn ani de a, wɔfrɛ no se karma. Eyi yɛ ewiase abrabɔ. Enti, wɔ bhakta abrabɔ mu de, ewiase ade biara enni hɔ. Eyi ne īśāvāsyam idaṁ sarvam (ISO 1). Bhakta hu sɛ biribiara yɛ Kṛṣṇa de. Īśāvāsyam idaṁ sarvaṁ yat kiñca jagatyāṁ jagat, tena tyaktena bhuñjīthā. Biribiara yɛ Kṛṣṇa de. Enti, biribi ara a Kṛṣṇa de ma yɛn biara no... Ɛte sɛ owura. Owura de biribi ma akoa, "Di." Eyi yɛ prasādam. Prasāde sarva-duḥkhānāṁ hānir asyopajā... Eyi ne abrabɔ no. Sɛ wobɛdɔm Kṛṣṇa kuw yi a wobɛte ase sɛ "Ade nyinaa yɛ Kṛṣṇa de, mpe me nsa ne me nan, ne nyinaa yɛ Kṛṣṇa de, me honam dua nyinaa yɛ Kṛṣṇa de. enti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma hyɛ Kṛṣṇa anuonyam, "yi ne bhakti no.

anyābhilāṣitā-śūnyaṁ
jñāna-karmādy-anāvṛtam
ānukūlyena kṛṣṇānu-
śīlanaṁ bhaktir uttamā
(Brs. 1.1.11)

Sɛ Kṛṣṇa yɛe no, er, Arjuna yɛɛ no saa ara. Ɔpɛe sɛ anka ɔyɛ nea n'atenka pɛ, ɛne sɛ ɔrenko Nanso ɔtee Bhagavad-gītā no ɔpenee so se "Yiw, Kṛṣṇa ne nipa nyinaa Agya."

ahaṁ sarvasya prabhavo
mattaḥ sarvaṁ pravartate
iti matvā bhajante māṁ
budhā bhāva-samanvitāḥ
(BG 10.8)

W'akyerɛ eyi nyinaa mu wɔ Bhagavad-gītā mu. Eyi yɛ ade a edi kan wɔ sunsum adesua mu. Sɛ yɛte Bhagavad-gītā ase yiye de a, yɛ de yɛn ho bɛma Kṛṣṇa. Kṛṣṇa pɛ no saa. Sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja (BG 18.66). Ɔpɛ no saa. Sɛ ɛfa akwankyerɛ yi so a, wɔfrɛ no śraddhā. Śraddhā. Kavirāja Gosvāmī akyerɛ śraddhā ase.