AK/Prabhupada 0093 - Bhagavad-gita is also Krishna



Lecture on Brahma-samhita, Lecture -- Bombay, January 3, 1973

Enti Śrīmad-Bhāgavatam ama nkyerɛmu pefee wɔ Vedānta-sūtra no ho. Ent wɔ Vedānta-sūtra no mu no, wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Vedānta-sūtra ho no, Śrīmad-Bhāgavatam akyerɛ mu sɛ,

janmādy asya yataḥ anvayāt itarataś ca artheṣu abhijñaḥ
tene brahma hṛdā ādi-kavaye muhyanti yatra sūrayaḥ
(SB 1.1.1)

Saa nkyerɛmu yi wɔ hɔ Enti ādi-kavi, ādi-kavi ase kyerɛ sɛ Brahmā. Brahmā, Ādi-kavi. Enti tene brahma. Brahmā ase kyerɛ sɛ śabda-brahman, Vedic kyerɛw kronkron no. Enti ɔde nkyerɛkyerɛ yi hyɛɛ Brahmā koma mu. Efisɛ wɔbɔɔ ade nyinaa akyiri, Brahmā nkutoo ne ɔkra a ɔte ase firi mfitiase no Enti asɛm bisa ne sɛ, "ɔkwan bɛn so na Brahmā fae nyaa Vedic nimdeɛ yi?" W'akyerɛ eyi ase: tene brahma... Brahmā. Brahmā ase kyerɛ sɛ Vedic nkyerɛkyerɛ.. Śabda-brahman. Nsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Awurade ho nso yɛ Brahman Brahman te ase afebɔɔ. Nsonsonoe biara enni Brahman ɛne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Brahma ho ɛyɛ ade koro yi ara: nsonsonoe biara enni Bhagavad-gītā ne Kṛṣṇa ntam Bhagavad-gītā nso yɛ Kṛṣṇa. Annyɛ saa a, adɛn nti na yɛ de nnidi mapa ma saa nhoma yi? fiti mmere santen, mfe apem anum ntam ni, akyinnye bɛn na ɛwɔ ho sɛ Bhagavad-gītā ne Kṛṣṇa yɛ ade koro? W'atintim nhoma ahorow bebree nansa yi. Afe biako, abien ne abiɛsa akyi, asa - obiara nkenkan bio. Ɛnfa obiara ho. Obiara nkenkan.. Kyerɛw biara, tesɛ ewiase abakɔsɛm, nhoma biara nni hɔ a ebenyin aboro mfe mpem anum. a abenfo akukudam ne anyamesurofo kenkan no dabiara. Adɛn? Efisɛ ɛyɛ Kṛṣṇa. Kṛṣṇa. ...Nsonsonoe biara enni Bhagavad-gītā ɛne Bhagavān ntam. Śabda-brahman. Enti,ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Bhagavad-gītā yɛ nhoma hunu bi. a obiara a ɔwɔ ABD nimdeɛ kumaa betumi aka ho asɛm. Daabi. Ɛnte saa. Nkwaseafo ne asesaafo bi pɛ sɛ wɔde wɔn ABD nimdeɛ bɛkyerɛkyerɛ Bhagavad-gītā mu. Ɛnnyɛ yie. Ɛyɛ śabda-brahman. Nea ɔwɔ ɔdɔ ma Kṛṣṇa nkutoo na ɔbɛte Bhagavad gita ase. Yasya deve parā bhaktir yathā deve... Vedic mmara wɔ hɔ.

yasya deve parā bhaktir
yathā deve tathā gurau
tasyaite kathitā hy arthāḥ
prakāśante mahātmanaḥ
(ŚU 6.23)

Wɔda no adi kyerɛ wɔn. Enti Vedic kyerɛw kronkron no din foforo ne nea w'ada no adi. ɛnnyɛ sɛ mede me ABD nimdeɛ bɛte ase; Esiane sɛ mewɔ kasa bi ho nimdeɛ nti metumi atɔ Bhagavad-gītā na m'akan ate ase. Daabi. Vedeṣu durlabha. Wɔ Brahma-saṁhitā mu no w'ka se, vedeṣu durlabha. Kɔso fa wo nimdeɛ no sua Vedic nkyerɛkyerɛ - durlabha. Ɛnnyɛ yie. Vedeṣu durlabha. Enti nipa dɔm bebree de wɔn nimdeɛ rekyerɛkyerɛ Bhagavad-gītā ase, nanso saa nipa yi obiara ntie wɔn. Wɔrentumi ntwe ɔkra biako mpo mmrɛ Kṛṣṇa. Ɛyɛ den ma wɔn. Wɔ Bombay kurow mu no, nipa bebree rekyerɛkyerɛ Bhagavad-gītā mu mfe manim ni. nanso, saa nipa yi obiara ntie wɔn. Wɔrentumi ntwe ɔkra biako mpo mmrɛ Kṛṣṇa. Yɛne wɔn bɛtow nkyia. Nanso, saa Bhagavad-gītā koro yi ara, afei w'akyerɛ mu akyerɛ yɛn sɛnea ɛte ara no. ama Enyiresi abrɔfo ne Amerikafo mpem mpem, a wɔn nananom ne nanankanso nom enni nimdeɛ biara wɔ Kṛṣṇa ho mpo adan Kṛṣṇa asomfo. Eyi ne yɛn nkunimdi no ho asumasɛm. Nanso saa nkwasea fo yi de, wonnim. Ɛyɛ wɔn sɛ wɛde wɔn asesaafo nimdeɛ no betumi akyerɛkyerɛ Bhagavad-gītā mu. Ɛnnyɛ yie. Nāhaṁ prakāśaḥ yogamāyā-samāvṛtaḥ. Kṛṣṇa ennyi ne ho adi nkyerɛ saa nkwaseafo ne asesaafo yi. Kṛṣṇa nnyi ne ho adi. Nāhaṁ prakāśaḥ sarvasya (BG 7.25). Esiane sɛ ɔsom bo no nti nkwaseafo ne asesaafo rente N'ase. Ɛnnyɛ yie. Kṛṣṇa se, nāhaṁ prakāśaḥ sarvasya yogamāyā-samā... (BG 7.25).

manuṣyāṇāṁ sahasreṣu
kaścid yatati siddhaye
yatatām api siddhānāṁ
kaścid vetti māṁ tattvataḥ
(BG 7.3)