AK/Prabhupada 0100 - We are Eternally Related with Krishna



Lecture on SB 6.1.8 -- New York, July 22, 1971

Enti yɛne Kṛṣṇa. wɔ ayɔnkofa a ɛte hɔ afebɔɔ Mprenpren de yɛn werɛ afi saa yɔnkofa yi, y'abrɛ no ase. Enti ɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛne Kṛṣṇa enni ayɔnkofa. Nanso eyi nnyɛ nokware. Esiane sɛ yefiri Kṛṣṇa mu na yɛbae no nti yɛne No ayɔnkofa no yɛ afebɔɔ. Ɛsɛ sɛ yɛkanyan no. Eyi ne Kṛṣṇa som no. Kṛṣṇa som no kyerɛ sɛ...y'aba tebea foforo bi mu Ɛyɛ obi adwene sɛ ɔyɛ India ni. Obi nso n'adwene ne sɛ ɔyɛ Amerika ni." Obi redwene sɛ, "meyɛ sɛɛ anaa saa." Nanso ɛsɛsɛ yɛdwene sɛ "meyɛ Kṛṣṇa de". Eyi ne Kṛṣṇa som no. "Meyɛ Kṛṣṇa dea." Na esiane sɛ wɔ Kṛṣṇa abusua mu no Kṛṣṇa yɛ obiara de no nti me nso meyɛ obiara de. Nya saa nte ase yi Wɔ India man mu no, sɛ ɔbea ne ɔbarima ware a, saa ara na ɛte wɔ mo man yi mu Ɔbarima no wɔfa ase frɛ ɔbea no se 'Sewaa' Ɛyɛ dɛn na ɔbɛyɛ sewaa? Efisɛ, ɔne ne kuni no anya ayɔnkofa bi. Bere a wɔnya nwaree no , na ɔbea no nnyw sewaa, nanso esiane sɛ ɔne ne kunu anya ayɔnkofa no nti, okunu no wɔfasɛ aabɛyɛ wɔfase. Te mfantoho yi ase. Saa ara, sɛ yɛhyɛ yɛn ne Kṛṣṇa ayɔnkofa yi mu kena a, na Kṛṣṇa yɛ obiara de nti me nso meyɛ obiara de a Eyi ne ɔdɔ pa no. Yentumi nnya ɔdɔ gye sɛ yɛne Kṛṣṇa dɔ no asi pi Moyɛ Amerika fo. Adɛn? Efisɛ wɔwoo mo asase yi so. Enti Amerika ni foforo nso yɛ mo kurow ba, nanso sɛ wɔwoo wo wɔ kurow foforo bi so a, wone Amerika ni nni ayɔnkofa biara Enti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn nɛ Kṛṣṇa ayɔnkofa no mu kena. Na afei ewiase dɔ, pɛrepɛreyɛ, asomdwoe, mpontu bɛba. Annyɛ saa de a, ɛnnyɛ yie. Fapem no ayera. Ɛbɛyɛ dɛn na pɛrepɛre yɛ ne asomdwoe aba? Ɛnnyɛ yie. Enti Bhagavad-gītā akyerɛ ɔkwan a asomdwoe bɛba Ɔkwan no ne sɛ Kṛṣṇa nkutoo na ɛsɛsɛ ɔde ade nyinaa gye N'ani Fa no sɛ asɔre fie ha, yɛn fapem ne Kṛṣṇa. Sɛ yɛnoa aduan a ɛyɛ Kṛṣṇa de, ɛnnyɛ sɛ yɛnoa aduan ama yɛn ho Ɛwom sɛ prasādam aduan no yɛn na yɛbedi de, nanso yɛnoa aduan a, yɛnnwene sɛ yɛnoa aduan ama yɛn ho. Yɛnoa aduan ama Kṛṣṇa. Sɛ wokɔ abɔnten sɛ wokɔpɛ sika a, Ɛnnyɛ sɛ nnipa dɔm a wɔkɔpɛ sika no, wɔkɔpɛ sika ahyɛ wɔn bɔtɔ mu. Daabi. Wɔre gyigye sika anaa wɔkyekyɛ nhoma no, ama Kṛṣṇa, sɛnea nnipa bɛsom Kṛṣṇa. Na sika a wobenya biara no, wɔde boa Kṛṣṇa adwuma yɛ. Enti sɛ yɛde saa nhwɛso yi bɔ yɛn bra a, biribiara yɛ Kṛṣṇa de a, eyi ne Kṛṣṇa som no. Eyi ara ne nea yɛnso yɛre yɛ, a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea ehia ara ne sɛ yɛbɛ sesa yɛn adwene, sɛ " nea mere yɛ yi meyɛ ama Kṛṣṇa. Mennyɛ mma me ho" Sɛ yenya Kṛṣṇa ho adwene pa a, na y'ahyɛn tebea pa mu. Eyi na ɛbɛ mɛ yɛn anigye. Sɛ y'amma tebea pa yi mu a, ɛtesɛ adammɔ Obiara a onni Kṛṣṇa ho adwene pa no, yɛfa no sɛ w'abɔdam Efisɛ asɛm biara a obɛka no ne fapem nni nnyinaso titiriw biara Ɛwɔ awiei. Nanso yɛn kra no ɔte ase afebɔɔ. Enti dwumadi biara a ɛntena afebɔɔ no ɛmmoa yɛn. Ɛsɛsɛ yɛn nnwuma yɛ afebɔɔ esiane sɛ yɛn kra te hɔ afebɔɔ. Saa afebɔɔ tebea yi na ɛsɛ sɛ yɛde som Kṛṣṇa. Hwɛ saa nsatea yi, ɛka me honam ho. Nanso nsatea yi n'adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛsom me honamdua yi Onni adwuma foforo biara ka eyi ho. Eyi ne tebea pa de ma nsatea yi. Sɛ nsatea yi antumi ansom honam dua yi a, na ɔyare. Saa ara, Kṛṣṇa te hɛ afebɔɔ; yɛn nso yɛtehɔ afebɔɔ Nityo nityānāṁ cetanaś cetanānām (Kaṭha Upaniṣad 2.2.13). Eyi ne Vedic nkyerɛkyerɛ no. Awurade Śrī Kṛṣṇa tehɔ afebɔɔ, yɛn nso yɛyɛ akra a yɛte hɔ afebɔɔ Yɛnnyɛ Awurade; yɛyɛ nkoa. Nityo nityānāṁ cetanaś cetanānām. Agya no ne Awurade, yɛn de yɛyɛ akra nkumaa Eko bahūnāṁ yo vidadhāti kāmān. Saa Agya koro a ɔte ase afebɔɔ yi, ɔkyekyɛ nea ehia ma abɔde nyinara Eko bahūnām, akra mpem mpem. Wontumi nkan Bahūnām. Eyi ne yɛn ayɔnkofa no. Enti, esiane sɛ yɛyɛ nkoaa, na yɛyɛ Agya no fa bi no nti ɛsɛ yɛn sɛ yɛbɛ som Kṛṣṇa Ɔde nea ehia yɛn nyinaa ma yɛn. Ɔyɛ yɛn nyiaa Agya. Eyi ne ɔbra mu ntease mapa. Abrabɔ biara a Kṛṣṇa enni mu no ɛyɛ abrabɔ bɔne.