AK/Prabhupada 0099 - How to Become Recognized by Krishna



Lecture on BG 13.4 -- Bombay, September 27, 1973

Enti, yehu sɛ, nipa gu ahorow bebree, ebinom wɔ Bombay, ana kurow foforo bi so saa ara na nipa gu ahorow ebinom nkrabea ma wɔn asetena pa ebi nso nkrabea ma wɔpre ewiase anigye ɛna ebinom nso wɔ ɔhaw ne yaw mu wɔn a wɔwɔ amane ne yaw mu no ɛte sɛ w'atɔ nsu mu sɛ ogya ka nsu a edum koraa Ɛna sɛ sare a awo ne ogya hyia a, ɛdɛw ogya no sɔ. Ɛdɛw hoo Saa ara,wɔn a wɔwɔ tebea pa mu no, wɔ hwenyan wɔn Krsna som ntɛm so. Efisɛ, wɔ Bhagavad-gita mu no w'akyerɛ sɛ, yesam tv anta-gatam papam. Adɛn nti na nipa mma asɔre fie ha? Efisɛ ebinom wɔ bɔne tebeamu Na mam duskrtino mudhah prapadyante naradhamah (BG 7.15). Wɔre ntumi mma. Nipa a wɔwɔ bɔne mu no wɔnte Krsna som yi ase. Ɛnnyɛ yie. Nanso akwangya no wɔhɔ ma obiara. Yɛre srɛ wɔn, "Yɛsrɛ mo sɛ mommra..." Eyi ne adwuma a yegyina Krsna anan mu reyɛ. Sɛnea Krsna ankasa bae bɛkyerɛɛ Bhagavad-gita na ɔsrɛɛ obiara, sarva-dharman parityajya mam ekam saranam vraja (BG 18.66), yɛn botae ni. Enti,Krsna ani gye sɛ "saa nipa yi wodi dwuma bi ma Me. Ɛho nhia sɛ Mɛkɔ hɔ. Wɔyɛ M'adwuma no ama Me." Adwuma no ara ne sɛ, yɛre srɛ nipa sɛ, wɔmmra mmɛsom Krsna." Enti yɛda Krsna koma pon so. Krsna se, na ca tasman manusyesu kascin me priya-krttamah (BG 18.69). Yɛn botae ne sɛ, yɛbɛma Krsna ahu yɛn.

Ɛmfa ho sɛ obi bɛ sakra ana obiara rensakra n'adwene asom Krsna. Yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛ srɛ. Ɛno ara nen. " Me wura, mesrɛ bra bɛhwɛ Krsna honi, bɛ kotow no, di aduan a w'ahyira so na kɔ fie." Nanso nipa mpene so. Adɛn? Saa dwuma yi abɔne fo ntumi nnyɛ. Enti Krsna se, yesam tv anta-gatam papam. Nea w'agyae bɔne yɛ no. yesam tv anta-gatam papam jananam punya-karmanam. Hena na obetumi agyae bɔne yɛ? Nea ɔyɛ papa bere biara. Sɛ wode papayɛ ato w'adwene mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ bɔne? Enti papayɛ okunini ne sɛ wobɛ bɔ Hare Krsna mpae kuninini yi Sɛ wobɔ saa mpae yi dabiara a, Hare Krsna, Hare Krsna, Krsna Krsna, w'adwene remfi Krsna so dabiara da. enti bere nni hɔ a wode dwene nneɛma hunu ho. Eyi ne Krsna som no. Sɛ yɛn werɛ fi Krsna pɛ, maya wɔ hɔ, ntɛm pa ɔbɛkyere yɛn.