AK/Prabhupada 0119 - Spirit Soul is Evergreen



Lecture on BG 2.1-10 and Talk -- Los Angeles, November 25, 1968

Prabhupāda: Yiw.

Śrīmatī: Eyi ne mfe, sɛ honhom no refi honam dua no mu no, na wore nyin?

Prabhupāda: Daabi, honhom no nnyin. Honam dua no na ɛresesa, saa na ɛte. Yɛbɛ kyerɛ mu,

dehino 'smin yathā dehe
kaumāraṁ yauvanaṁ jarā
tathā dehāntara-prāptir
dhīras tatra na muhyati
(BG 2.13)

Honhom no te nea ɛte daa. Honam dua no resesa. Ɛsɛ sɛ yɛte eyi ase. Honam dua no resesa. Obi biara betumi ate asɛm yi ase. Bere a woyɛ abɔfra no na wo honam dua..... Ɛte sɛ abɔfra yi, ɛsono honam dua no. Sɛ abɔfra yi nyin du ne mmabaa bere mu a, ɛno nso yɛ honam dua foforo Nanso honhom wɔ honam dua yi ne saa honam dua no nso mu. Enti eyi na edi adanse sɛ honhom ho nsesa, honam dua no na ɛsesa. Eyi ne adanse no. Mere dwene me mmɔfra bere. Eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ me..."me" koro no ara a na ɛwɔ me mmɔfra bere honam dua no mu no, Mekae sɛ me mmɔfra bere mu no na meyɛ eyi, na mayɛ ade foforo Nanso saa mmɔfra bere honam dua no nni hɔ bio. Ɛkɔ. Eti ne tiawa twa ne sɛ, me honam dua no asesa, nanso ɛyɛ me ara. Meboa? Nokwaresɛm tiawa. Enti, honam dua yi bɛsesa, nanso me rensesa Etumi ba sɛ mɛ hyɛn honam dua foforo mu, eyi mfa ho, nanso mete nea mete Tathā dehāntara-prāptir dhīras tatra na muhyati (BG 2.13). Sɛnea mprenpren yi mere sesa me honam dua yi no, Saa ara, awiei nsesa no nkyerɛ sɛ m'awu. Me hyɛn honam dua foforo mu....Eyi nso w'akyerɛ ase, vāsāṁsi jīrṇāni yathā (BG 2.22), sɛ mɛsesa. Bere a mennyɛɛ sannyāsī no, na me hyɛ atade tesɛ krakye biara Sesei masesa m'ataade hyɛ. Eyi nkyerɛ sɛ m'awu. Daabi. M'asesa me honam dua no, ɛno ara nen. M'asesa m'ataade.