AK/Prabhupada 0120 - Inconceivable Mystic Power



Morning Walk At Cheviot Hills Golf Course -- May 17, 1973, Los Angeles

Prabhupāda: So w'akyerɛkyerɛ mu ana?

Svarūpa Dāmodara: Nea wontumi nte ase?

Prabhupāda: Yiw. Neɛ ɛtra adwene so ana sɛ sunsum mu ahoɔden soronko.

Svarūpa Dāmodara: sunsum mu ahoɔden soronko?

Prabhupāda: Yes.

Svarūpa Dāmodara: Mere boaboa nea Śrīla Prabhupāda akyerɛkyerɛ mu dedaw no, sunsum mu ahoɔden soronko ahorow a ye hu.

Prabhupāda: Aha yi, susnsum mu ahoɔden "acintya-śakti" reyɛ adwuma, saa mununkum yi. Wo nni tumi a wode bɛ pam no. Ɛtra w'ahoɔden so. Wobetumi apɛ ɔkwan bi so akyerɛ ase...

Obi a ɔre sen: Maakye.

Prabhupāda: Megye wo so. ...sɛ " Saa nnuru ahorow ahorow yi, "nneɛma bebree. Nanso (serew) wonni tumi sɛ wobɛpam wɔn

Svarūpa Dāmodara: Yiw. W'akyerɛ mu nea ɛyɛ a omuninkum si. W'ato din se...

Prabhupāda: Eyi de wobetumi ayɛ. Ɛne sɛ me nso metumi ayɛ. Ɛnnyɛ anwowa de. Nanso wo nim sɛnea ɛhyehyɛ de a, ɛnɛ yɛ ma no nnyera.

Svarūpa Dāmodara: Yenim ɔkwan a ɛfa so hyehyɛ. Yenim ɔkwan a ɛfa so hyehyɛ

Prabhupāda: Yiw. Enti wonim, w'ahu, siw ano. Bere bi a atwam no, ako bere mu no wɔtow ahum mu akode "brahmāstra". Afa baabi no, brahmāstra ase kyerɛ ne sɛ ...ɔhyew tutuutu Enti wɔhyehyɛ biribi, wɔdan wɔn ho nsu. Efisɛ ɔhyew akyi, ɛsɛ sɛ nsu ba. Enti saa abɔde mu nyansapɛ yi ɛwɔ he?

Svarūpa Dāmodara: Ɛte sɛ nufusu pɛpɛɛpɛ. Nufusu yɛ fita fita, nanso ɛyɛ nsu ara. Neɛ wɔkyerɛ ne sɛ ɛyɛ protein ahorow wɔ nsu mu. Saa ara, mununkum yi yɛ nsu a ɛsensɛn wim.

Prabhupāda: Yiw. Enti wo bo gyaa, ne nyinaa bɛkɔ. Yɛbetumi de ogya ama nsu ayera. Enti w'abɔ ade. Wo rentumi. Wotow tuo biako pɛ. Ɔhyew bɛba, na mununkum no nyinaa ayera. Yɛ.

Karandhara: Eyi bɛsɛe wiase. Ɛbɛsɛe wiase. (serew).

Prabhupāda: Hare Kṛṣṇa.Obi betumi de ogya ana mframa adum ogya. Obiara nim sa. Enti yɛ, Enti eyi yɛ tumi soronko koraa de ma wo. Wobetumi aka nsɛm hunu biara afa ho nanso, wo ntumi nsiw no kwan. Eyi yɛ sunsum mu tumi. Saa ara, nneɛma ahorow bebree wɔ hɔ. Eyi ne acintya-śakti no. Ɛboro adwendwene so. Nyame ahyehyɛ sɛ, awia pua a, ɛhɔ ara - omununkum bɛyera. Asa. Ɔhyew kakra a awia bema no, ne nyinaa ayera. Nīhāram iva bhāskaraḥ. Bhāgavata ama yɛn saa mfantoho yi. Nīhāra, wɔfrɛ eyi se nīhāra. Sɛnea bhāskara pam nīhāra no, saa ara na awia nso, saa ara, obi biara a ɔbɛ ka ne dɔ hyew no, na asa, ne bɔne a w'ayɛ ho akatua nyinaa, asa. Nīhāram iva bhāskaraḥ. Wode bɔ ade....Wode bu nneɛma a wɔde ayɛ awia no ho nkontaa Na bɔ awia biako tow senɛn wim. Eyi yɛ bɔtirim ka ne ahantan, eyi nnye.

Svarūpa Dāmodara: Eyi ne mpɛnsɛnpɛnsɛnmu asekyerɛ. Mpɛnsɛnpɛnsɛnmu asekyerɛ ne sɛ yebɛte nea yɛnte ase no ase.

Prabhupāda: Yiw. Mpɛnsɛnpɛnsɛnmu asekyerɛ ne sɛ mobegye ato mu sɛ moyɛ sɛbe nkwaseafo ne asesaafo. Mpɛnsɛnpɛnsɛnmu a wɔyɛ ama hena? Hena na onnim? Annyɛ saa de a, dɛn ne mpɛnsɛnpɛnsɛnmu so mfaso? Wonnim. Pene so. Enti sunsum mu tumi ahorow bebree wɔ hɔ. Wonnim ɔkwan a ɛnam so na nneɛma bi si. Enti ɛsɛ sɛ wo pene so se tumi bi wɔ hɔ a ɛkyɛn no. Sɛ w'annye anto mu sɛ tumi kɛse bi wɔ hɔ a. kwan biara enni hɔ sɛ wobɛte Nyame ase. Ɛnnyɛ sɛ Bala-yogī ni bi adan ne ho Nyame no. Eyi wɔ hɔ ma asesaafo, nkwaseafo. Nanso, nimdefo de, wɔbɛsɔ tumi kɛse yi ahwɛ. Yegye Kṛṣṇa to mu sɛ ɔne Awurade - tumi wura. Yegye Rāma to mu sɛ Ɔyɛ tumi wura. Ɛnnyɛ sɛ ɔsesaafo bi ba bɛka kyerɛ yɛn sɛ "Me ne Awurade." Na ɔsesaafo bi nso agye no ato mu. Ɛnte saa. Yennye nto mu sɛ "Ramakrishna yɛ Awurade." Yennye nto mu. Ɛsɛsɛ yehu saa tumi kɛse a ɛboro adwene nyinaa so no. ɛte sɛ Kṛṣṇa a, ne mmɔfra bere mu no, ɔmaa bepɔw so no. Eyi yɛ tumi a ɛtra adwene so. Rāmacandra, Ɔde abo bɔɔ ɔkwan too po so. Abotan no nyinaa tɛn nsu no ani. "Hwɛ" Eyi yɛ tumi soronko. Esiane sɛ ɛboro w'adwene so nti, sɛ wɔka asɛm yi a monsusuw sɛ "eyi yɛ ananse sɛm bi." Wɔka no dɛn? Anansesɛm. Nanso Awurade asomfo akukudam bi tesɛ Vālmīki ne Vyāsadeva ne ācāryafo bi a ɛkeka ho no, wɔsɛe wɔn bere kyerɛw anansesɛm? Saa nhoma nimfo yi? Na wɔn ankyerɛkyerɛ mu sɛ anasesɛm. Wɔagye ato mu sɛ nokwaresɛm. Ogya tɔɔ wuram hɔ. Ayɔnko fo ne anatwi hwɛfo no nyinaa ehu kaa wɔn. Wɔn nyinaa twaa w'ani kyerɛɛ Kṛṣṇa: "Kṛṣṇa, yɛnnyɛ dɛn? "Eye." Ɔmenee ogya no nyinaa. Eyi yɛ tumi soronko. Eyi yɛ Awurade. Aiśvaryasya samagrasya vīryasya yaśasaḥ śriyaḥ (Viṣṇu Purāṇa 6.5.47). Ɔwɔ ahyɛnsode ahorow asia ama ama. Oyi ne Awurade Ahoɔden a ɛtra adwene nyinaa so, yɛn nso yɛwɔ saa ahoɔden yi bi. Nanso yɛn de no yɛ ketewaa bi. Nneɛma bebree rekɔ so wɔ yɛn honam dua yi mu a yɛn ntumi nkyerɛ ase. Mfantoho yi ara. M'ayorɔw refifi fɛfɛ. Sɛ mpo ɔyare bi ka ayorɔw no a, ebe fifi bio. Mennim nea ɛkɔso wɔ honam dua yi mu ansa na ayorɔw no fifi wɔ n'afa pɛpɛɛpɛ. Eyi fi me honam dua yi mu. Enti ɛyɛ ahoɔden soronko. Tumi yi yɛ soronko ma me ne adunsifo nyinaa....Wɔn ntumi nkyerɛ ase.