AK/Prabhupada 0144 - This is Called Maya



Sri Isopanisad, Mantra 2-4 -- Los Angeles, May 6, 1970

prakṛteḥ kriyamāṇāni
guṇaiḥ karmāṇi sarvaśaḥ
ahaṅkāra-vimūḍhātmā
kartāham iti manyate
(BG 3.27)

Kṛṣṇaankasa na ɔhwɛ N'akyidifo wɔn a aka no de wɔhyɛ māyā nsa. Māyā nso yɛ Kṛṣṇa akoa. ɛtesɛ nea aban hwɛ nipa nokwaredifo a ɛwɔ ɔman mu no awudifo no nso de aban no hwɛ wɔnso nanso, ɔnam afiase adwumayɛfo so na ɔhwɛ wɔn aban afa a wɔhwɛ amanbɔe ne awudifo so no na wɔna hwɛ wɔn so Aban hwɛ sɛ nipa a eda afi ase no ho bɛtɔ wɔn Wɔ ma wɔn aduan di; wɔyar a wɔhyɛ wɔn wɔ ayaresabea. Wɔhwɛ wɔn so nanso, wonni ahotɔ mu. Saa ara ewiase ha, wɔhwɛ yɛn so nanso yenni ahotɔ mu. Biribiara a yɛyɛ no asotwe wɔ ho Woyɛ bɔne a asotwe wɔ so.Eyi rekɔ so. W'ato din se yawdi ahorow abiɛsa. Nanso esiane sɛ māyā afura yɛn ani nti yehu māyā asotɔre yi sɛ ade a ɛyɛ dɛ W'ahu? Eyi yɛ māyā. Nanso bere ara a wode wo ho bɛto Kṛṣṇa so no, Kṛṣṇa fa wo nomum. Ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo mokṣayiṣyāmi mā śucaḥ (BG 18.66). Kṛṣṇa se wo brɛ woho ase ma Me a, Kṛṣṇa asɛm ara ne sɛ "Mɛfa wo nomum Megye mo nyinaa afi bɔne mu." Bɔne ahyɛ yɛn ma mere santen Nanso wo brɛ woho ase ma Kṛṣṇa a, amonom hɔ ara, Kṛṣṇa so wo mu. Na Ɔprapra wo ho bɔne nyinaa. Ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo mā śucaḥ. Kṛṣṇa se, "Ntwentwɛn wo nan ase." Sɛ wodwene sɛ O, mayɛ bɔne bebree. Ɛbɛyɛ dɛn na Kṛṣṇa agye me?" Dabi. Kṛṣṇa tumi bunkam ade nyinaa so. Obe tumi agye wo. W'asɛde ara ne sɛ wobɛbrɛ wo ho ase ama No, na wontwentwɛn wo nan ase, Fa wo nkwa to hɔ ma N'adwuma na wobenya nkwa.