AK/Prabhupada 0060 - Nkwa rentumi mfi honam mu: Difference between revisions

(Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Akan Pages with Videos Category:Prabhupada 0060 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1975 Category:AK-Quotes - Conv...")
 
(Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
 
Line 7: Line 7:
[[Category:AK-Quotes - in USA, Atlanta]]
[[Category:AK-Quotes - in USA, Atlanta]]
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN NAVIGATION BAR -- DO NOT EDIT OR REMOVE -->
{{1080 videos navigation - All Languages|Akan|AK/Prabhupada 0059 - Mma wo werɛ emfi wo botae titiriw|0059|AK/Prabhupada 0061 - Honam dua yi yɛ kotoku a ɔhonam, dompe ne mogya edi mu akoten|0061}}
<!-- END NAVIGATION BAR -->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<div class="center">
<div class="center">
Line 15: Line 18:


<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
{{youtube_right|--SPnZPqU6g|Life Cannot Come From Matter - Prabhupāda 0060}}
{{youtube_right|dJBJGvlt6Ug|Life Cannot Come From Matter - Prabhupāda 0060}}
<!-- END VIDEO LINK -->
<!-- END VIDEO LINK -->


<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<mp3player>http://vaniquotes.org/w/images/750228RC.ATL_clip1.mp3</mp3player>  
<mp3player>https://s3.amazonaws.com/vanipedia/clip/750228RC.ATL_clip1.mp3</mp3player>  
<!-- END AUDIO LINK -->
<!-- END AUDIO LINK -->



Latest revision as of 15:42, 20 October 2018



Room Conversation with Svarupa Damodara -- February 28, 1975, Atlanta

Prabhupāda: Nea yɛka ne sɛ sɛ nkwa, ɔkra no, wɔ ɔbarima neho nsu mu na ɔde hyɛ ɔbea no awode mu a, na honam dua no afifi. Mfiti ase no yɛ nkwa. Saa na asɛm no te. Na saa nkwa yi fi Nyame mu. Ɛyɛ ne fa bi. Enti mfiti ase no ɛyɛ Nyame. Janmādy asya yataḥ (SB 1.1.1). Athāto brahma jijñāsā. Enti ɛsɛ sɛ yɛsi saa asɛm yi so wɔ yɛn wiase yi a atoro ahyɛ no ma yi mu. Ebio, dɛn nti na wɔnn ntumi mmɔ nkwa enfi nea awu mu? Asɛm a wɔka yi aba bɛn na ɛwɔ mu? Eyi wɔntumi nnyɛe. Dɛn na edi adanse sɛ nkwa fi nea awu mu na ɛbae?

Svarūpa Dāmodara: Adanse no wɔ guso hwehwɛ mu.

Prabhupāda: Eh? Eyi yɛ sɛbe nkwaseasɛm. Eyi yɛ nkwaseasɛm Adanse yi, sɛ nkwa fi nkwa mu na ɛbae yi, adanse bebree wɔ hɔ Onipa, aboa, nnua - ne nyinaa fi nkwa mu na ɛba. Bɛpem sesei, obiara nhui sɛ w'awo nipa afi ɔbo mu. Obiara nhu bi ɛ. ɛtɔ dabi a wɔfrɛ no vṛścika-taṇdūla-nyāya. Wonim? Vṛścika-taṇdūla-nyāya. Vṛścika yɛ nyanyankyerɛ, na taṇdūla yɛ ɛmo Bere bi wɔ hɔ a nyanyankyerɛ pue fi ɛmo a wɔaboa ano bebree mu. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛmo no na awo nyanyankyerɛ no. Munhu bi wɔ mo kurow mu ha? Y'ahu bi. nyanyankyerɛ pue fi ɛmo a wɔaboa mu ba. Nokware ne sɛ nyanyankyerɛ n'awofo no wɔtow nkesua gu ɛmo a wɔaboa no mu, na apae ama nyanyankyerɛ nketewa no apue ɛnnyɛ sɛ ɛmo no na awo nyanyankyerɛ no. Enti, wɔfrɛ no vṛścika-taṇdūla-nyāya. Vṛścika yɛ nyanyankyerɛ, ena taṇdūla yɛ ɛmo Enti "Nkwa fi nkwa mu na ɛba" - wɔfrɛ eyi se vṛścika-taṇdūla-nyāya. Nkwa ntumi mfi ade a awu mu mma. Eyi akyi.... Ɛte sɛ nea sɛ nkwa, ɔkra no wɔ honam dua no mu a honam dua no nyin, na ɛsesa, sɛnea mo ka no. Na sɛ ɔkra no fi honam dua no mua, abɔfra no nnyin bio. Enti nkwa no na ɛma nea awu no nyin.