AK/Prabhupada 0095 - Our Business is to Surrender



Lecture on BG 4.7 -- Bombay, March 27, 1974

Yɛrebrɛ yɛn ho ase nanso, yɛnpɛ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama Kṛṣṇa. Yɛn yare ara ni. Yɛn yare no ni. Na Kṛṣṇa som no botae ne sɛ ɛbɛ sa saa yare yi ama yɛn. Kṛṣṇa ba sɛnea ɔbɛsa yɛn yare yi ama yɛn. Ose, yadā yadā hi dharmasya (BG 4.7). dharmasya glāniḥ, nea ɛnteɛ wɔ Nyamesom kwan so Kṛṣṇa se, sɛ nneɛma kɔ kyew a, tadātmānaṁ sṛjāmy aham. Ɛna abhyutthānam adharmasya. Nneɛma abien na yɛka ho asɛm wɔ ha. Sɛ nipa ambrɛ wɔn ho ama Kṛṣṇa a, yenya Kṛṣṇa bebree, asesafo bebree, sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase. Eyi ne adharmasya no. Dharma kyerɛ sɛ brɛ wo ho ase ma Kṛṣṇa, nanso wɔmpɛ sɛ wɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama Kṛṣṇa. mmom wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama nnyinamoa, nkraman ne nea ɛkeka ho. Eyi yɛ adharma. Kṛṣṇa amma sɛ ɔbɛtew Hindu asɔre anaa Kramofo asɔre ana Kristofo asɔre. Daabi. Ɔbae sɛ ɔbɛkyerɛ Nyamesom ankasa ase. Nyame som ankasa kyerɛsɛ, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Awurade. Eyi ne Nyamesom pa. Yɛrebrɛ yɛn ho ase. Obiara wɔ nsusuwi bi wɔ ho. Sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama biribi Sɛ amanyɔ sɛm, sika sɛm, Nyamesom, biribiara. Obiara wɔ nsusuwi bi. Ɛna saa nsusuwi yi nso ne wura wɔ hɔ. Enti, yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Eyi ne nokware a ɛwɔ mu.Nanso yennim nea ɛsɛsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma no. Eyi ne yɛn atiben. Na esiane sɛ yɛn brɛ yɛn ho ase mma neɛ ɔyɛ kronkron no nti ahotɔ enni wiase ha. Yɛbrɛ yɛn ho ase ma eyi , na yasesa de ama ade foforo. Ɛnnɛ Congress amanyɔ kuw enni hɔ bio. Afei ɛyɛ Communist amanyɔ kuw." Ebio, "Communist amanyɔ kuw agu. Sesei ɛyɛ amanyɔ kuw yi ana eyi." Mfaso bɛn na yenya fi amanyɔ kuw nsesae mu? Esiane saa nsesa yi nti, wɔmmre wɔnho ase mma Kṛṣṇa. Enti, sɛ y'ammrɛ yɛn ho ase amma Kṛṣṇa a, yennya asomdwoe da. Eyi ne asɛm no ti. Sɛ wobɛsesa afi kankyee mu na wode akɔ ogya mu remmoa wo. Enti, Kṛṣṇa asɛm a etwa to koraa ne

sarva-dharmān parityajya
mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja
ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo
mokṣayiṣyāmi...
(BG 18.66)

Enti, sɛ basabasa yɛ si ɔsom mu a, ɛkyerɛ sɛ....w'akyerɛ saa asɛm yi mu wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu. Sa vai puṁsāṁ paro dharmaḥ. Nyamesom papa. Paraḥ ase kyerɛ sɛ nea edi mu, na ɛtra ade nyinaa. Sa vai puṁsāṁ paro dharmo yato bhaktir adhokṣaje (SB 1.2.6). Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Adhokṣaja a..... Adhokṣaja...ase kyerɛ sɛ Agya a ɔsom bo sen ade nyinaa, anaa Kṛṣṇa. Kṛṣṇa din biako nso ne Adhokṣaja. Ahaituky apratihatā. Ahaitukī ase kyerɛ sɛ omfi biribiara mu bae. Obiara anwo no. Ɛnnyɛ sɛ "Kṛṣṇa te sɛ anaa ɔte sa enti mebrɛme ho ase ma no." Daabi. obiara anwo no. Ahaituky apratihatā. obiara nni hɔ a obetumi ayɛ saa nhwehwɛmu yi. Sɛ wopɛ sɛ wobrɛ woho ase ma Kṛṣṇa a biribiara nsiw wo kwan. Tebea biara a wo wɔ mu no, wobetumi abrɛ woho ase. Wobetumi ayɛ. Ahaituky apratihatā yayātmā suprasīdati. Afei, ātmā, wo ātmā, wo kra, w'adwene, ne wo honam benya ahotɔ. Eyi ne akwankyerɛ no.