AK/Prabhupada 0096 - We Have to Study from the Person Bhagavata



Lecture on BG 13.4 -- Miami, February 27, 1975

Sɛ yɛbɛdwene sɛ, Amerika ni, India ni, Hindu, Kramo," eyi nyinaa gu yɛn koma ho fi. Enti, prapra wo koma mu. Hṛdy antaḥ-sthaḥ abhadrāṇi. Nneɛma fi no nyinaa wɔ me koma mu, enti sɛ yɛsiesei yɛn koma mua a yenya fawohodi fi saa adwenedwene yi mu. Naṣṭa-prāyeṣu abhadreṣu nityaṁ bhāgavata-sevayā (SB 1.2.18) Śrīmad-Bhāgavatam ana Bhagavad-gītā dabiara. Nityaṁ bhāgavata...

Bhagavata ase kyerɛ sɛ nhoma Bhagavata ana nipa bhagavata. Nipa bhagavata no yɛ sunsum mu ɔkyerɛkyerɛfo. Ana osuani biara a w'atu mpɔn. Ɔyɛ bhagavata, maha-bhagavata, bhagavata. Enti, bhagavata-sevaya nkyerɛ sɛ wobɛkenkan Bhagavad-gita ne Bhagavatam nkutoo, na mmom ɛsɛ se yesua ade fi nipa bhagavata nso nkyɛn. Eyi ho hia yiye. Caitanya Mahaprabhu abɔ yɛn kɔkɔ se, bhagavata para giya bhagavata-sthane: "Se wopɛsɛ wosua Bhagavata dea, ɛnode kɔ nipa bhagavata a w'aben wɔ sunsum mu nsɛm mu." Ennyɛ obi a ɔka Nyamesɛm degye akatua. Eyi remmoa wo. Nea sika nti ɔka Nyamesɛm no- ɔkɔ asɔre dan mu, na wakɔ ahokyere mu. Nea ehia ara ne sɛ wobɛ fa nipa bhagavata yɔnko. na w'atie nhoma bhagavata no afi ne nkyɛn, nimdeɛ koro yi ara. Krsna nsiananmu. Sɛnea Krsna adi kan aka no, tat samasena me srnu Me srnu: "Tie fi Me ana Me nsiananmu nkyɛn. Eyi na mfaso wɔ so. Enti, saa asore nkorabata yi, yɛrebuebue sɛnea, nipa a wɔrebrɛ benya asomdwoe. Ennyɛ sesei nko na mmom afebɔɔ.

ei rupe brahmanda bhramite kona bhagyavan jiva
guru-krsna-krpaya paya bhakti-lata-bija
(CC Madhya 19.151)

Enti ɛyɛ yɛn asɛde., yɛre di saa dwuma yi ama Krsna. Krsna bae sɛ Ɔbɛkyerɛ yɛn ade. Sɛnea ogyaw Ne Srimad-Bhagavatam maa yɛn no. Afei, ɔde Ne nsiananmu nso agyaw yɛn sɛnea wɔbɛkyerɛ kyerɛ Ne nsɛm no ase ama amansan nyinaa. Saa dwuma yi ara na yɛre di yi. Yɛnfa biribiara nka ho. Yɛmmɔ yɛn tirim nka biribi nka ho. Agyapade no wɔ hɔ. Yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛkyekyɛ. Ɛno ara nen. Ɛnnyɛ den. Sɛ yɛda Bhagavad-gita a ɛyɛ Krsna nkyerɛkyerɛ no adi sɛnea ɛte no pɛpɛɛpɛ a, na yawie yɛn adwuma. Yɛnfa hwee nka ho. Yenni ahoɔden sɛ yɛbɛ bɔ yɛn tirim de bi aka ho. Ɛnte sɛ bebre a yehu yi. Wɔbɔ wɔn tirim ka nsɛm bebree...ne nyinaa yɛ sɛbe nsɛm hunu. Eyi remmoa. Monfa nimdeɛ mapa no.