AK/Prabhupada 0097 - I am Simply a Postal Peon



His Divine Grace Srila Bhaktisiddhanta Sarasvati Gosvami Prabhupada's Appearance Day, Lecture -- Los Angeles, February 7, 1969

Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden ma kuw yi tu mpɔn, na yɛnnya akyidifo mpoa, Kṛṣṇa ani begye. Na yɛn botae ara ne sɛ yabama Kṛṣṇa ani agye. Eyi ne atuhuakyɛ som no Hṛṣīkena hṛṣīkeśa-sevanaṁ bhaktir ucyate (CC Madhya 19.170). Atuhuakyɛ kyerɛ sɛ, onipa de n'atenka nyinaa abɔ afɔre Ewiase abrabɔ kyerɛ sɛ yɛregye y'ani "Mepɛ eyi. Mepɛ eyi. Mepɛsɛ meyɛ biribi. Mepɛ sɛ meto dwom, me di biribi, mede mensa ka biribi ana meka biribi hwɛ Saa biribi yi kyerɛ sɛ..mede m'atenka...eyi yɛ wiase abrabɔ. "Mepɛsɛ mede mensa ka honam bi a ɛyɛ mmerɛw. Mepɛsɛ me di aduan bi a ɛyɛ dɛ. Mepɛsɛ me hua biribi tie. Mepɛsɛ me nantew sɛɛ." Ade koro ara - nantew, ka ade hwɛ, de woho ka biribi..ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nyinara ma Krsna. Ɛno ara nen. Sɛ yɛde yɛnho bɛka biribi no de, anka yɛnfa yɛnho nka Krsna somfo kronkron n'anan. Sɛ yebedi biribi hunu bi de anka yendi Krsna prasadam...aduane a w'ahyira so. Eyi bɛboa. Nea yehua biribi foforo bi no, yenhua nhwiren a w'adi kan de abɔ afɔre ama Krsna. Enti yennyae biribirara. Sɛ wopɛse wo wo mma a wo mma a wobɛyɛn wɔn Krsna som mu. Biribiara bɛkɔ so. Ɛho bɛtew. Ɛno ara nen.Nhyehyɛe no ara ni. Yɛnka se "gyae ade yi." Daabi, wonnyae. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wogyae? Sɛ me te yi obi ntumi nka nkyerɛ me se "Oh nnidi", so eyi yɛ asɛmpa? Ɛsɛ sɛ me didi. Gyae biara enni mu. Nea ehia ne sɛ wobɛma ade a woyɛ no ho atew. Enti, yɛkyerɛ sɛ, ma ɛnnyɛ hwee, sɛnea wɔka no, "nnya atenka mma biribiara." Saa na wɔka. Enti ɛbɛyɛ dɛn na mennya atenka? Ɛsɛ sɛ atenka wɔ hɔ. Nanso menya atenka ama Krsna. Enti eyi yɛ kwan pa. Nanso ebinom mfa nnyɛ asɛm, wontie yɛn nkyerɛkyerɛ no. Sɛ wobetie yɛn nkyerɛkyerɛ yi a, eye ma woara. Krsna ani begye. Yɛn akyerɛkyerɛfo akukudam no ani begye. Ɔkyerɛkyerɛfo kunini Guru Maharaja ani begye. Ɛna, yasya prasadad bhagavat... Sɛ wɔn ani gye a na wawie w'adwuma. Ɛnnyɛ sɛ obi foforo ani agye ana newerɛ ahow Sɛ wo trontrom edin no a nipa bi ani gye - daabi ɛnnyɛ eyi na ɛho hia. Ebia n'ani begye, ebia n'ani rennye. Nanso sɛ mefa kwan pa no trontrom edin no a, akyerɛkyerɛfo adikanfo no ani begye Eyi ne me botae, ɛno ara nen, sɛ memmɔ metirim nnyɛ biribi. Enti ɛyɛ me anigye sɛ Krsna asoma mmerante ne mmabaa papa sɛ wɔmmɛboa me. Saa dapɔn yi, me hyira mo kosɛkosɛ. Menni hwee. Meyɛ ɔsomafo ara kɛkɛ. Nea m'ate afi me kyerɛkyerɛfo nkyɛn no ɛno na me kyerɛ mo yi. Nti monso monnyɛ saa ara, na moani begye. na ewiase ani begye na, Krsna ani gye, saa ara biribiara...