AK/Prabhupada 0098 - Become Attracted by the Beauty of Krishna



The Nectar of Devotion -- Vrndavana, November 11, 1972

Madana-mohana. Madana kyerɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima nkitahodi ho akɔnɔ Madana, awaresɛm mu atenka, Cupid, ɛna wɔfrɛ Kṛṣṇa se Madana-mohana. Obiara a ɔsom Kṛṣṇa yiye no betumi atwe ne ho afiri awaresɛm ho korakora Eyi ne adanse no. Madana retwe obiara adwene wɔ ewiase yi mu Awaresɛm yɛ obiara fɛ Ewiase yi fa kɛse gyina awaresɛm so. Asɛm yi yɛ nokware. Yan maithunādi-gṛhamedhi-suhkhaṁ hi tuccham (SB 7.9.45). Anigye yi a yɛreka ho asɛm yi yɛ.... maithuna, maithunādi. Maithunādi ase kyerɛ sɛ anigye farebae ne awaresɛm Ɔbarima bɛ ware Ne botae ara ne nda mu akɔnɔ Ɛnam eyi so ɔbɛwo mma. Mma no nso benyin na, ɔba bea ware ɔbarima, saa ara na ba barima nso bɛware ɔbea foforo Botae koro no ara: nda. Saa ara na nananom nso, Eyi nti ewiase anighe yɛ śriyaiśvarya-prajepsavaḥ. Bere tiawa a ɛtwam no yɛkae se Śrī ase kyerɛ sɛ afɛfɛde, aiśvarya ase kyerɛ sɛ ahonya ɛna prajā ase kyerɛ sɛ nipa ase fo.. Enti, nipa dodow no ara botae ne abusua pa ne ahonya ɛne ɔyere papa, mma mmea papa, asew papa. Sɛ abusua biara a mmea ahoɔfɛfo ne ahonyade wɔ mu no, na mmɔfra dɔɔso wɔ mu nu, yegye to mu sɛ saa abusua no atu mpɔn Ofie wura atu mpɔn wɔ abrabɔ mu. Enti, śāstra bisa sɛ, "mfaso bɛn na ɛwɔ saa mpuntu yi mu? Saa mpuntu yi a ne farebae yɛ awaresɛm yi. Ɛno ara nen. Na yɛhwɛ mma a y'awo wɔn yi." Enti yan maithunādi-gṛhamedhi-sukhaṁ hi tuccham (SB 7.9.45). Ewiase yi anigye farebae yɛ awaresɛm, maithunādi. Saa awaresɛm maithunādi yi, nipa yɛ ma ɛho tew de nanso, mprako nso yɛ bi. Mprako nso wodidi da mu nyinara, baabiara: "Agyanan wɔ he? Agyanan wɔ he?" Awaresɛm kɛkɛ a nyiyi mu biara enni mu. Mprako nnim nyiyimu, sɛ ɛna, onua ana ɔba Enti śāstra kyeerɛ sɛ, "Obi biara a ɔwɔ ewiase yi mu no w'abram no aware sɛm abram ewiase ha nyinara. Eyi ne Cupid no. Cupid yɛ agya a ɔhwɛ awaresɛm so, Madana. Sɛ Madana, Cupid an hyɛ obi a, saa nipa no ani rennye awaresɛm ho. Ɛna Kṛṣṇa din de Mādana-mohana. Mādana-mohana ase kyerɛ sɛ nea ɔfam Kṛṣṇa ho no ɛrenndwene awaresɛm ho. Eyi ne adanse no. Eyi nti ne din de Mādana-mohana. Mādana-mohana ni. Sanātana Gosvāmī som Mādana-mohana. Madana ana Mādana. Mādana ase kyerɛ sɛ adambɔ. Ɛna Madana yɛ Cupid.

Enti awaresɛm agye obiara n'adwene. Mmeae pii wɔ hɔ a, Wɔ Bhāgavatam mu no w'akyerɛ ase sɛ, puṁsaḥ striyā mithunī-bhāvam etat tayor mitho hṛdaya-granthim āhur. Sɛ ɛkɔso wɔ ewiase yi my ara nen: Ɔbea ho yɛ ɔbarima akɔnɔ saa ara na ɔbarima nso ho yɛ ɔbea akɔnɔ. Enti sɛ wɔka wɔn ho bo mu a, ewiase yɛ wɔn dɛ yiye. Enti sɛ wɔware a, ɔbea biako ne ɔbarima biako, wɔhwehwɛ ofie fɛfɛ, gṛha; kṣetra, awuma ana asase a wɔde yɛ kua. Esiane sɛ ɛsɛsɛ onya sika. Na watumi atɔ aduan. Gṛha-kṣetra; suta, mmɔfra; ɛne āpta, nnamfo; vitta, ahonya. Ataḥ gṛha-kṣetra-sutāpta-vittair janasya moho 'yam (SB 5.5.8). wɔn ani gye ewiase abrabɔ ho. Wɔfrɛ eyi se madana, madana atwe w'adwene. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ewiase afɛfɛde twe y'adwene. Na mmom Kṛṣṇa bɛtwe y'adwene. Eyi ne Kṛṣṇa som yi botae. Sɛ Kṛṣṇa ahoɔfɛ no antwe w'adwene a, ewiase ndaadaa ahoɔfɛ bɛtwe w'adwene Enti, Śrī Yamunācārya se: yadāvadhi mama cetaḥ kṛṣṇa-padāravindayor nava-nava-dhāma rantum āsīt: "Sɛ Kṛṣṇa ahoɔfɛ yi adidi m'adwene mu, na m'afi ase resom wɔ Ne nan ase yi de, Menya ahoɔden foforo dabiara efi saa bere no eyi nti sɛ awaresɛm ba me tiri mu pɛ, ɛyɛ me sɛ me mbɔ ngu." Eyi yɛ vitṛṣṇā, atenka no nni hɔ bio... Awaresɛm ne ade biako a ɛtwe obiara adwene wɔ ewiase yi mu. na, sɛ onipa twe ne ho fi awaresɛm yi ho a,.... Tadāvadhi mama cetaḥ...,

yadāvadhi mama cetaḥ kṛṣṇa-padāravindayor
nava-nava-(rasa-)dhām(anudyata) rantum āsīt
tadāvadhi bata nārī-saṅgame smaryamāne
bhavati mukha-vikāraḥ suṣṭu niṣṭhīvanaṁ ca

"Sɛ medwene awaresɛm ho a, mpofirim hɔ ara, me bo fono me, na ɛyɛ me sɛ me ntu ntasu agu so." Enti Kṛṣṇa yɛ Madana-mohana. Madana retwe obiara, aware sɛm. na sɛ Kṛṣṇa ahoɔfɛ no gye nipa adwene a, madana bedi nkogu. Enti, sɛ madana di nkugo a, yɛbedi nkunim wɔ ewiase yi mu. Annyɛ saa ɛbɛyɛ den ama yɛn.